Psalms 142

Mmoa mpaebɔ

1Misu frɛ Awurade sɛ ɔmmoa me; mesrɛ no.
2Meka me nsɛm nyinaa kyerɛ no; meka me haw nyinaa kyerɛ no.
3Sɛ mereyɛ apa abaw a, onim nea ɛsɛ sɛ meyɛ.
Ɔkwan a menam so no mʼatamfo asum me firi wɔ so.
4Sɛ mehwɛ me ho a, minhu ɔboafo biara; ɔbanbɔfo nso nni hɔ.
Obiara nso nhwɛ me.
5 Awurade, misu frɛ wo sɛ boa me; wo Awurade, wone me hwɛfo.
Wone nea ne ho hia me wɔ mʼasetena nyinaa mu.
6Tie me sufrɛ na boa me efisɛ, mʼaba mu abu.
Gye me fi mʼatamfo nsam efisɛ, wɔyɛ den ma me dodo.
7Yi mʼawerɛhow fi me so na esiane papa a woayɛ me nti, mɛkamfo wo wɔ wo nkurɔfo gua a wɔabɔ mu.
Copyright information for TwiNAK